PART I – IN THE CHAPEL
Call to Worship - Mr. David Asante
Procession Hymn - PH 518
Scripture Sentence - Mr. David Asante
Hymns - PH 555, 1-3
Prayer - Mr. David Asante
Song - Christ Royals
Biography - Family Member
Bible Reading - Mr. Martin Kofi Ako (2 Tim 4:6-8)
Hymn - PH 240, 1-4
Sermon/Apostle's Creed - Rev. Felix Kissiedu
Christian Charity/ Dedication
Announcement - Family / Church
Closing Hymn - PH 781, 1-3
Prayer/ Benediction - Minister
Recessional Hymn - PH 824
PART II – AT THE GRAVE SIDE
Scripture Sentences - Minister
Hymn - PH 789, 1-4
Exhortation - Minister
Committal/ Prayer -
Farewell Hymn - PH 805
Vote of Thanks - Family Member
Benediction - Minister
1. 518
1. Beso me nsa gyigye me,
m'Agyenkwa pa,
wɔ m'asetena mu nnɛ yi
ne daa nyinaa.
Mepɛ sɛ metena wo nkyɛn,
minnyaw wo da;
nea wode m'bɛkɔ hɔ no, mepɛ
[ara.
2. Fa dom ne ahummɔbɔ
kyerɛ me kwan.
Ma memfa dɔ ne gyidi
minni w'akyi.
M'anigyem ne m'amanem
ma menyɛ komm.
Mebrɛ a, ma me ho nnwo
wɔ wo kokom.
3. Mempɛ b'ribi mahu da
sɛ wo nkutoo.
Me kwan so duru sum a,
me hann ne wo.
Na enti beso me nsa
na ma yɛnkɔ
Ma minnu soro hɔ a
mɛtena hɔ daa.
2. 555
Yehowa ne me Hwɛfo,
na hwee renhia me.
Ɔhwɛ me na ɔyɛn me,
de n'adepa kyɛ me.
Amanem odwudwo me kra
na ɔkyerɛ me ne kwan pa.
Menam wu bon mu po a,
minsuro bɔne bi;
na wo na wudi m'akyi,
wokyekye me werɛ.
Yehowa, wode wo poma
bɛpam m'atamfo nyinaa'ra.
Wotow me pon ma wohu,
wofɔw me tirim ngo;
me k'ruwa yɛ ma bu so;
yiye di m'akyi daa.
Mɛtena Yehowa fi koraa,
na mahu n'adɔe daa nyinaa.
3. 240
Awurade bɛba ɔdasum,
sesɛɛ de, ɛyɛ, dinn.
Me de, mesiesie me ho,
na mahyia no ntɛm.
Yesu aka n'asɛm ansa,
wahyɛ ne da dedaw;
nnipa ani nni so koraa,
ɔbɛba aworaw.
Wiase ani afura,
wɔda wɔn bɔne nna;
wose: Ne da no mmɛn koraa,
na bɔne bi remma.
Monwɛn na munsiesie mo ho,
na moyɛ ne nkoa
Mo Wura ba a, ɔbɛfrɛ mo
ma moabu akontaa.
4. 781
Onipa, kae wo wuda
ne wo nkwa awiei
Owu taa ba ntɛm ara;
wuguan a, ɛnyɛ ye.
Sɛsɛɛ ɔkyena, nnɛ po,
wo dɔn benya adu;
enti, ɔdebɔn'yɛfo,
kae wu na nu wo ho
Onipa, kae wo wu da,
nanso kae atemmu
Emu na nnipa benya
bembu anaa 'fobu.
Na wɔrennyaw befua,
na mmom obiara
benya hɔ akatua
sɛ ne bra te wɔ ha.
Onipa, kae wo wu da,
na mfra ahuhufom,
na amma woankɔsɛe kwa.
amanehunu k'rom.
Na nkwaseafo pii pa
hwehwɛ ha anigye;
na wo de, sua nyansa
na hwɛ wo ho yiye
5. 824
Sɛ atemmuda kɛse no bedu a,
Yesu, ma minhu wo sɛ m'Agyenkwa;
ma menhwehwɛ wo wɔ wiase ha,
na ɛda kɛse no antu me koma.
Da no, me Yesu, ɛhe po na mɛfa?
Odimafo bɛn na obegye me?
Me nnebɔne a ɛdɔɔso pii no,
bɛma magyina w'atemmu no mu dɛnâ€?
Nanso minim sɛ wodom bɔneyɛfo,
na wɔn kra wu de, ɛnyɛ w'apɛde.
Wo wusɔre mu na wubu wɔn bem,
enti me Yesu, dom hu me mmɔbɔ bi.
nna mede nnam mɛkɔ Nyame anim;
me Wura Yesu bedi ama me.
Ne trenee na ɔde befura me,
na mɛtena ne nkyɛn wɔ ne daa nkwa no mu.
6. 789
Ɔhwɛfo wui dua ho
n' ɔde ayi yɛn bɔne:
enti sɛ ne nguan wu a,
na wobu wɔn sɛ wɔada.
Wɔnkɔ sɛ mumɔyɛfo
wonsuro weredifo;
wɔte sɛ akofo a
wɔawie ko, na wɔada.
Daa afobu no nhaw wɔn,
wɔkɔ wɔn fam ha piam
sɛ wɔkɔhome, ansa
na Yesu abenyan wɔn.
Wɔn honam da wupa so
te sɛ wɔn homebea,
wɔtɔ nko da sɛ mmofra,
ahometew nni wɔn mu.
7. 805
Nante yiye
Nnɛ wɔafrɛ wo me ba,
sɛ bra ɔsoro fi
Yɛn de, yesu, wo wu yi yɛ yɛn yaw
nanso Nyame pɛ nti,
Yensu na yenni nkɔmmɔ ntra so;
na yɛde abotɔase ka sɛ:
Nante yiye
Nante yiye
wo Nyame ankasa
n' ɛfrɛ wo fi fam ha.
Ɔde ne ba afɛm me ha kakra,
n' afei wagye n'ade.
nde menham, na minsianka wo;
wo kɔ besi yiye ama wo.
Nante yiye
Nante yiye
Wo kyɛfa so kɛse,
na woanya hɔ nnepa.
Wiase ha yɛpere mu nnepa
nanso nnepa no nka.
Na Onyame no nkutoo nkyɛn hɔ
n' anigye pa ne anu'nyam wɔ;
Konya mu bi
Kodi yɛn kan
Wo de, woankyɛ koraa;
na yɛn nso bɛba hɔ.
Yɛn da bedu, na yɛafi fam ha bi
akɔ ɔsoro hɔ.
Mensom me Wura Yesu yiye
na ɔboa me gye me tom a,
mɛba hɔ bi.
Nante yiye
Ɔsoro abɔfo
afa wo honhom kɔ.
Afei na yɛn Yesu, Onyame Ba
bɛma wo ne daa nkwa.
Wasan wo kra afi honam mu
sɛ ɔnkɔhyɛn n'ahomeka mu
Kodi yiye.